Psalms 16

Gyidi mu mpaebɔ

1Bɔ me ho ban,
O Onyankopɔn; migye wo di sɛ me guankɔbea.
2Meka kyerɛ Awurade se, “MʼAwurade ne wo; nneɛma a mewɔ nyinaa fi wo nkyɛn.”
3 Awurade nkurɔfo a wɔyɛ pɛ wɔ gyidi mu no, wɔn na mʼani gye sɛ me ne wɔn bɛtena.
4Wɔn a wokodi anyame foforo akyi no twe ɔhaw brɛ wɔn ho.
Merenkɔka wɔn afɔrebɔ ho, na merensom wɔn anyame nso.
5Wo,
Awurade, yɛ nea mewɔ nyinaa, na woma me nea ehia me nyinaa; me daakye asetena hyɛ wo nsa.
6Wʼakyɛde a wode ma me yɛ nwonwa na ɛyɛ nneɛma pa nso.
7Mekamfo Awurade efisɛ, ɔkyerɛ me kwan, na edu anadwo a mʼatiboa bɔ me kɔkɔ.
8Minim sɛ Awurade ka me ho daa.
Ɔbɛn me, na biribiara rentumi mpusuw me.
9Ɛno nti, mewɔ aseda ne anigye mu.
Na mete nka sɛ mewɔ guankɔbea.
10Efisɛ, wobɔ me ho ban fi owu tumi ase, na worennyaa nea wodɔ no mma ɔnkɔ asaman.
11Wobɛkyerɛ me kwan a ɛkɔ nkwa mu.
Hu a mihu wo no hyɛ me anigye ne anika a ɛnsa da.
Copyright information for TwiNAK